Dwom 102
Aberanteɛ mmɔborɔni mpaeɛbɔ. Ɛberɛ a ne home te no na ɔka nʼahometesɛm kyerɛ Awurade.
Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ;
na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim.
Mfa wʼanim nhinta me
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu.
Brɛ wʼaso ase ma me;
na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.
 
Me nkwa nna reyera te sɛ wisie;
me nnompe hyehye te sɛ egya.
Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ;
na me kɔn nnɔ aduane.
Mʼapinisie denden enti
maka honam ne nnompe.
Mete sɛ ɛserɛ so patuo,
te sɛ ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu.
Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ
anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi.
Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ bɔ me akutia.
Wɔn a wɔdi me ho fɛ no bɔ me din de dome.
Mede nsõ ayɛ mʼaduane
na mede nisuo fra me nsuo mu
10 ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti,
woama me so, ayi me asi nkyɛn.
11 Me nkwa nna te sɛ anwummerɛ sunsum;
na mekusa sɛ ɛserɛ.
 
12 Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;
na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
13 Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ;
berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ;
ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso.
14 Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ;
ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ.
15 Amanaman no bɛsuro Awurade din;
asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.
16  Awurade bɛkyekyere Sion bio,
na wapue wɔ nʼanimuonyam mu.
17 Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ;
na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.
 
18 Montwerɛ yei mma nkyirimma,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade;
19 Awurade hwɛɛ fam firi ne kronkronbea wɔ soro hɔ;
ɔfiri soro hwɛɛ asase,
20 sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie
na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”
21 Enti, wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion
na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
22 ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ
bɛhyiam na wɔasom Awurade.
 
23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ wɔ ɛberɛ a merenyini.
Ɔtwaa me nkwa nna so.
24 Enti mekaa sɛ,
“Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;
wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
25 Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem,
na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
26 Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa;
wɔbɛtete te sɛ atadeɛ.
Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma
na wɔbɛto wɔn agu.
27 Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,
na wo mfeɛ to rentwa da.
28 Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim;
na wɔn asefoɔ ase bɛtim wɔ wʼanim.”