Dwom 103
Dawid deɛ.
Ao me kra, kamfo Awurade;
na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
Ao me kra, kamfo Awurade,
na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,
ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ
na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
ɔgye wo nkwa firi damena mu
na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire,
ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ
na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.
 
Awurade yɛ adetenenee
na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.
 
Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,
na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.
Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,
ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,
na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;
10 Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata
na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.
11 Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,
saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.
12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,
saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
 
13 Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no,
saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,
14 na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn,
ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.
15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,
ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;
16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,
na ne sibea nnim no bio.
17 Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten
Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,
na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
18 wɔn a wɔdi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
 
19  Awurade asi nʼahennwa wɔ soro,
na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.
 
20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ,
mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ,
mo a motie nʼasɛm.
21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,
nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.
22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa
deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.
 
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!