Dwom 106
Monkamfo Awurade!
 
Monna Awurade ase na ɔyɛ;
na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
 
Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ?
Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?
Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee,
na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ.
 
Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me.
Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me,
na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa,
na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa
na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.
 
Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no;
yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.
Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no,
wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho;
wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no,
na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa,
sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi.
Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee;
ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.
10 Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam;
deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ.
11 Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so;
na ɔbaako mpo annya nkwa.
12 Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ
na wɔtoo nʼayɛyie dwom.
 
13 Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ
na wɔantwɛn nʼagyinatuo.
14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ,
na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ,
15 enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ,
nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so.
 
16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose
ne Aaron a Awurade ate ne ho no.
17 Asase mu buee na ɛmenee Datan
na ɛsiee Abiram asafo no.
18 Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu;
ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no.
19 Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb
na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ.
20 Wɔsesaa wɔn Animuonyam.
Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ.
21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa,
deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no,
22 nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so
ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no.
23 Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn,
nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no
sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;
ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.
 
24 Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no;
na wɔannye ne bɔhyɛ anni.
25 Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu
na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade.
26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ
ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so,
27 ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu
na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
 
28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho
na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa;
29 wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuo
na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
30 Na Pinehas sɔre dii agyinamu,
na Awurade sii ɔyaredɔm no ano.
31 Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehas
wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu.
 
32 Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuo,
na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so,
33 ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua,
na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu.
34 Wɔansɛe nnipa no
sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no,
35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no
yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.
36 Wɔsomm wɔn ahoni
na ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn.
37 Wɔde wɔn mmammarima
ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom.
38 Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ;
wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a
wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no
maa asase no ho guu fi.
39 Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi;
wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman.
 
40 Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ;
na ɔkyirii nʼagyapadeɛ.
41 Ɔdanee wɔn maa amanaman no,
na wɔn atamfoɔ dii wɔn so.
42 Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so
na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.
43 Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn,
nanso wɔkɔɔ so tee atua
na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
44 Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia
ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no;
45 Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no
na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ.
46 Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no
nyaa ahummɔborɔ maa wɔn.
 
47 Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn,
na boaboa yɛn ano firi amanaman so,
na yɛada wo din kronkron no ase,
na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam.
 
 
48 Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.
 
Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!”
 
Monkamfo Awurade.