Dwom 105
Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.
Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.
Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
 
Monkae anwanwadeɛ a wayɛ
ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,
Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,
Ao Yakob mma a wapa wɔn.
Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn.
Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.
 
Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no,
apam a ɔne Abraham yɛeɛ no
ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.
10 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
11 Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo
sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”
 
12 Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,
ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
13 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so;
firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
14 Wamma obi anhyɛ wɔn so;
wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ:
15 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;
na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”
 
16 Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so
na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa;
17 na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,
Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.
18 Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,
na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,
19 kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,
kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.
20 Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;
aman no sodifoɔ gyaa no.
21 Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,
deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,
22 sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ
na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.
 
23 Afei, Israel kɔɔ Misraim;
Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.
24  Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;
ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ,
25 wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ
na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.
26 Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose,
ne Aaron a na wayi noɔ no.
27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu,
nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.
28 Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum
ɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua.
29 Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya,
nam so kumm emu mpataa.
30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,
na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu.
31 Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree
ne ntontom baa ɔman no mu baabiara.
32 Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ
a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;
33 Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua
na ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa.
34 Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ
mmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn;
35 wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,
na wɔdii wɔn mfuo so nnuane.
36 Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa,
wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa.
37 Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ,
firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima.
38 Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ,
ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so.
 
39 Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,
na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.
40 Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.
Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.
41 Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;
na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten.
 
42 Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a
ɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no.
43 Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ.
Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie;
44 ɔde amanaman no nsase maa wɔn,
na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ
45 na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ
adi ne mmara so.
 
Monyi Awurade ayɛ.