Dwom 109
Dawid dwom.
Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ,
mmua wʼano,
na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ
atu wɔn ano agu me so;
wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.
Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia
na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.
Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka,
nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.
Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,
na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.
 
Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;
na Satan nnyina ne nsa nifa so.
Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ,
na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.
Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;
na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ.
Ma ne mma nyɛ nwisiaa
na ne yere nyɛ okunafoɔ.
10 Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;
ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.
11 Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa;
na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.
12 Mma obiara nhunu no mmɔbɔ
Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.
13 Ma nʼase nhye,
na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.
14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;
na ne maame bɔne no ntena hɔ daa.
15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,
na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.
 
16 Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,
na mmom ɔtaa ahiafoɔ
mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.
17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome
enti nnome mmra ne so;
wampɛ sɛ ɔbɛhyira
enti nhyira mmɔ no.
18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ;
ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo,
ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19 Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,
ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.
20 Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,
wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.
 
21 Nanso, wo Ao Asafo Awurade,
wo din enti, wo ne me nni no yie;
firi wʼadɔeɛ mu gye me.
22 Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie,
na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu.
23 Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma;
wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ.
24 Abuadadie ama me kotodwe mu agogo;
mafɔn na ama aka me nnompe.
25 Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;
sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.
 
26 Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;
gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
27 Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,
na wo na woayɛ, Ao Awurade.
28 Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;
sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase,
nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.
29 Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;
na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.
 
30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ;
mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.
31 Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so
sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.