Dwom 110
Dawid dwom.
Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ,
“Tena me nifa so
kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”
 
Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;
na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so.
Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu
ɛda a wobɛkɔ sa.
Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ
na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn
sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.
 
Awurade aka ntam
na ɔrensesa nʼadwene:
“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ
te sɛ Melkisedek sɛso.”
 
Awurade wɔ wo nifa so;
ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;
na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.
Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo
enti ɔbɛdi nkonim.
Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,
na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.