Dwom 123
Ɔsoroforɔ dwom.
Mema mʼani so kyerɛ wo,
wo a wʼahennwa si ɔsoro.
Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,
sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no,
saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn
kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.
 
Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ,
na wɔabu yɛn animtia bebree.
Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo;
ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.