Dwom 124
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,
ma Israel nka.
Sɛ anka Awurade nni yɛn afa
ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,
ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,
anka wɔmenee yɛn anikann;
anka nsuyire no bu faa yɛn so,
anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,
anka nsuo a ano yɛ den no
afa yɛn kɔ.
 
Nkamfoɔ nka Awurade a
wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.
Yɛadwane sɛ anomaa
afiri afirisumfoɔ afidie mu;
afidie no mu abubu,
ama yɛanya ɛkwan adwane.
Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,
ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.