Dwom 127
Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.
Awurade ansi ɛdan no a,
adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa.
Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,
awɛmfoɔ no wɛn kwa.
Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema
na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo,
ansa na woanya wʼano aduane.
Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda.
 
Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.
Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotokuo ayɛ ma.
Wɔn anim rengu ase
ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.