Dwom 128
Ɔsorokorɔ dwom.
Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,
na wɔnante nʼakwan so.
Wobɛdi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.
Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba
wɔ wo fie;
na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri
atwa wo ɛpono ho ahyia.
Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,
deɛ ɔsuro Awurade no.
 
Awurade nhyira wo mfiri Sion
wo nkwa nna nyinaa;
na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,
na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.
Asomdwoeɛ nka Israel.