Dwom 137
Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ
ɛberɛ a yɛkaee Sion no.
Ɛhɔ nsukakye nnua so
na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,
ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom,
yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom;
wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!”
 
Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom
ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?
Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a
ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ.
Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a,
ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.
 
Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ
wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no.
Wɔteam sɛ, “Monnwiri,
monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!”
Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo,
nhyira nka deɛ ɔtua wo ka
wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so.
Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa
de wɔn bobɔɔ abotan so.