Dwom 136
Monna Awurade ase na ɔyɛ.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Monna anyame mu Onyankopɔn ase.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Monna awuranom mu Awurade no ase.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
 
10 Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan,
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
11 na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
12 Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
13 Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no,
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
14 na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
15 Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
 
16 Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
 
17 Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no,
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
18 na ɔkumm ahemfo akunini no.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
19 Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon,
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
20 ne Basanhene, Og.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
21 Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
22 Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
 
23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
24 Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
25 Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
 
26 Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.
Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.