Dwom 139
Dawid dwom.
Ao Awurade, woahwehwɛ me mu
na woahunu me.
Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ;
wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.
Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ;
wonim mʼakwan nyinaa.
Ansa na mɛbue mʼano akasa no
Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.
Woatwa me ho nyinaa ahyia
na wobɔ me ho ban.
Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so,
ɛyɛ me nwanwa dodo.
 
Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?
Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?
Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.
Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie.
Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu
na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,
10 mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ,
na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.
11 Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so
na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,”
12 esum mpo nnyɛ sum mma wo;
na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;
esum ne hann yɛ wo pɛ.
 
13 Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
14 Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.
Wo nnwuma yɛ nwanwa.
Menim ɛno yie pa ara.
15 Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo
ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;
ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,
16 wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.
Nna dodoɔ a woatwa ama me no,
wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu
ansa na emu baako reba mu.
17 Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!
Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!
18 Sɛ mese mɛkan a,
ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,
sɛ menyane a,
me ne wo wɔ hɔ ara.
 
19 Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!
Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!
20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;
wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.
21 Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,
na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.
22 Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;
mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.
23 Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;
sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.
24 Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,
na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.