Dwom 140
Dawid dwom.
Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam;
bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,
wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu
na wɔhwanyane ɔko mu da biara.
Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ;
ananka borɔ wɔ wɔn ano.
 
Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam;
bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a
wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.
Ahantanfoɔ asum me afidie;
wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu,
wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.
 
Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.”
Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.
Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a
wobɔ me tiri ban ɔko da,
nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade;
mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.
 
Wɔatwa me ho ahyia,
nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.
10 Ma nnyasrama ngu wɔn so;
ma wɔnto wɔn ngu ogya mu,
ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.
11 Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so;
ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.
 
12 Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee
na ɔka onnibie asɛm ma no.
13 Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din
na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.