Dwom 14
Dawid dwom.
Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ,
“Onyankopɔn bi nni hɔ.”
Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi
na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
 
Awurade firi ɔsoro hwɛ
adasamma
sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ,
anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;
wɔn nyinaa ayɛ bɔne.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.
Ɔbaako mpo nni hɔ.
 
Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa?
 
Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane.
Wɔnnsu mfrɛ Awurade?
Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.
Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ,
nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.
Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!
Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.
Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!