Dwom 15
Dawid dwom.
Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ?
Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so?
 
Deɛ ne ho nni asɛm
na ɔyɛ deɛ ɛtene,
deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam
na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa
deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne
na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa,
deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa
na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade,
deɛ ɔdi ne ntam so
ɛberɛ a ɛtia no mpo,
deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho
na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem.
 
Deɛ ɔyɛ yeinom no
renhinhim da.