Dwom 142
Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ.
Meteam mesu frɛ Awurade;
me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.
Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim;
meka me haw kyerɛ no.
 
Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a,
ɛyɛ wo na wonim mʼakwan.
Ɛkwan a menam so no
nnipa asum me afidie wɔ so.
Hwɛ me nifa so na hunu sɛ;
mʼasɛm mfa obiara ho;
menni dwanekɔbea bi;
me nkwa mfa obiara ho.
 
Ao Awurade, mesu mefrɛ wo;
mese, “Wone me dwanekɔbea,
me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”
Tie me sufrɛ,
na mewɔ ahohia kɛseɛ mu;
gye me firi mʼataafoɔ nsam,
ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.
Yi me firi me nneduadan mu,
na makamfo wo din.
 
Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia
ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.