Dwom 143
Dawid dwom.
Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,
tie me nkotosrɛ;
wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu
bra bɛboa me.
Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,
na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.
Ɔtamfoɔ no taa me,
ɔbɔ me hwe fam;
ɔma me tena esum mu
te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.
Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;
na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.
Mekae tete nna no;
medwendwene wo nnwuma
ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.
Mepagya me nsa kyerɛ wo;
wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.
 
Ao Awurade, gye me so ntɛm;
me honhom tɔ piti.
Mfa wʼanim nhinta me
anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.
Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,
na mede me ho ato wo so.
Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,
na wo na mema me kra so kyerɛ.
Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam,
na wo mu na mede me ho hinta.
10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ,
na wo ne me Onyankopɔn;
ma wo honhom pa no
nni me ɛkan wɔ asase tamaa so.
 
11 Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so;
wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.
12 Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ;
na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa,
na meyɛ wo ɔsomfoɔ.