Dwom 145
Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.
Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;
mɛkamfo wo din daa daa.
Ɛda biara, mɛkamfo wo;
na mama wo din so daa daa.
 
Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;
obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.
Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;
wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.
Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,
na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.
Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;
na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.
Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,
na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.
 
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;
ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
Awurade yɛ ma obiara;
na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.
10 Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;
na wʼahotefoɔ bɛma wo so.
11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm
na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ
ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.
13 Wʼahennie yɛ daa ahennie,
na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
 
Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,
na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
14  Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase
na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
15 Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,
na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.
16 Wobue wo nsam
na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.
 
17  Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;
na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.
18  Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.
19 Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;
ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.
20  Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,
nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
 
21 Mʼano bɛkamfo Awurade.
Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no
daa daa.