Dwom 144
Dawid deɛ.
Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan,
deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,
na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie.
Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban,
mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ,
me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu;
ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.
 
Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho?
Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?
Onipa te sɛ ahomeɛ;
ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.
 
Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam;
fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.
Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete;
to wo mmemma no ma wɔn nnwane.
Tene wo nsa firi soro bra fam;
gye me na yi me
firi nsuo akɛseɛ ho,
firi ananafoɔ nsam,
wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma,
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
 
Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo;
mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,
10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo,
na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.
 
11 Gye me na yi me firi
ananafoɔ nsam,
wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
 
12 Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ
bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie,
na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum
a wɔasene de asiesie ahemfie.
13 Yɛn asan bɛyɛ ma.
Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi.
Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem,
ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;
14 yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru.
Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu;
yɛrenkɔ nkoasom mu,
na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so.
15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.
Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.