Dwom 150
Monkamfo Awurade.
 
Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;
monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.
Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho;
monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho.
Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no,
momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no,
momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no,
momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,
momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no,
momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no.
 
Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.
 
Monkamfo Awurade.