Dwom 17
Dawid Mpaeɛbɔ.
Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ;
tie me sufrɛ.
Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ
deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.
Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ.
Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ.
 
Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu,
wohwehwɛ me mu anadwo,
na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee;
masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.
Nnipa nneyɛɛ fam no,
wʼanomu asɛm enti
matwe me ho afiri
basabasayɛfoɔ akwan ho.
Menam wʼakwan so daa;
me nan nnwatiriiɛ.
 
Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn
na wobɛgye me so;
yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.
Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi
wo a wode wo nsa nifa
gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa
firi wɔn atamfoɔ nsam.
Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;
fa me sie wo ntaban nwunu no ase
firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam,
mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.
 
10 Wɔpirim wɔn akoma,
na wɔkasa ahantan so.
11 Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;
wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.
12 Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no,
te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ.
 
13 Sɔre, Ao Awurade!
Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;
fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.
14 Ao Awurade fa wo nsa
gye me firi nnipa a wɔte sei nsam
asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu.
Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;
wɔn mmammarima wɔ bebree,
na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.
 
15 Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim;
sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.