Dwom 16
Dawid mpaeɛbɔ.
Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn,
na wo mu na menya hintabea.
 
Meka kyerɛɛ Awurade sɛ,
“MʼAwurade ne wo;
menni adepa biara ka wo ho.”
Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ,
wɔne animuonyamfoɔ a
mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.
Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no
wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso.
Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi
na meremfa mʼano memmɔ wɔn din.
 
Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;
woama me kyɛfa anya banbɔ.
Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka;
ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.
Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo;
na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.
Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
 
Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie;
me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,
10 ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.
11 Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,
na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so.