Dwom 19
Dawid dwom.
Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm!
Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,
Ɛda biara, wɔkasa;
anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.
Ɔkasa anaa nsɛm nnim
na wɔnnte wɔn nne.
Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa,
wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.
 
Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,
a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,
te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika.
Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi
na atwa ne ho akɔsi ano;
biribiara nhinta ne hyeɛ.
 
Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyane ɔkra no.
Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,
ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.
Awurade ahyɛdeɛ tene;
ɛma akoma mu anigyeɛ.
Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;
na ɛbue ani.
Awurade suro yɛ kronn,
ɛte hɔ daa.
Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ
na ne nyinaa tene.
10 Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ
sene sikakɔkɔɔ amapa mpo;
ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ,
sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu.
11 Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ,
ɛsodie so akatua yɛ bebree.
12 Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ?
Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me.
13 Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho,
na anhyɛ me so.
Ɛno na ɛbɛma madi bem,
a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho.
 
14 Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ
nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade
me Botan ne me Gyefoɔ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.