Dwom 20
Dawid dwom.
Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;
Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo
na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.
Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa
na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.
Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ,
na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.
Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim
na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu.
 
Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.
 
Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa;
ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ
ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.
Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so
na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so,
nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.
Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,
na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.
Ao Awurade gye ɔhene nkwa!
Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.