Dwom 25
Dawid dwom.
Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo;
wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to.
Mma mʼanim ngu ase
na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim.
Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara
ani renwu da,
mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no
anim bɛgu ase.
 
Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade,
na me nhunu wʼatempɔn.
Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me,
ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ,
na mʼani da wo so daa nyinaa.
Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ
a ɛwɔ hɔ firi tete no.
Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne
ne mʼatuateɛ akwan;
kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ.
 
Awurade yɛ, na ɔtene;
enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan.
Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so
na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ.
10  Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie
ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ.
11 Ao Awurade, me bɔne so deɛ,
nanso wo din enti, fa kyɛ me.
 
12 Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade?
Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no.
13 Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu,
na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ.
14  Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no;
na ɔma wɔhunu nʼapam.
15 Mʼani da Awurade so daa,
ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.
 
16 Dane wʼani hwɛ me, na dom me,
ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
17 Mʼakoma mu dadwene adɔɔso;
yi me dadwene firi me so.
18 Hwɛ me haw ne mʼahohiahia
na yi me bɔne nyinaa firi me so.
19 Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso
ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me!
20 Bɔ me nkwa ho ban na gye me.
Mma mʼanim ngu ase,
ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo.
21 Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban,
ɛfiri sɛ mʼani da wo so.
 
22 Gye Israel, Ao Onyankopɔn,
firi wɔn haw nyinaa mu.