Dwom 26
Dawid dwom.
Bu me bem, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:
mede me ho too Awurade so
na manhinhim.
Sɔ me hwɛ, Ao Awurade,
hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.
Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa
na mɛnante wo nokorɛ mu.
 
Me ne nnaadaafoɔ ntena
na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.
Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ
na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.
Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu,
na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,
na mepae mu ka wʼayɛyie
na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.
 
Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade,
baabi a wʼanimuonyam wɔ no.
Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ.
Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,
10 wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam
na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.
 
11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ.
Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
 
12 Me nan sisi asase tamaa so;
na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.