Dwom 41
Dawid dwom.
Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no.
Awurade gye no wɔ amanehunu berɛ mu.
Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra.
Ɔbɛhyira no wɔ asase no so;
ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ.
Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so
na wagye no asi hɔ.
Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ;
sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.”
Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ:
“Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?”
Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no,
ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ;
ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro.
Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho;
wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ:
“Yare bɔne bi abɔ no;
ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.”
Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ,
deɛ me ne no too nsa didiiɛ no,
asɔre atia me.
 
10 Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ;
pagya me, na mentua wɔn so ka.
11 Menim sɛ wʼani sɔ me,
na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim.
12 Me nokorɛdie mu, wokura me mu
na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
 
 
13 Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
ɛnnɛ ne daa nyinaa.
Amen ne Amen!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.