1 NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU
42
Nnwom 42–72
Kora mma “maskil” dwom.
Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,
saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.
Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.
Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?
Me nisuo ayɛ mʼaduane
awia ne anadwo,
na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ:
“Wo Onyankopɔn wɔ he?”
Saa nneɛma yi na mekae
ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm;
sɛdeɛ na medi asafokuo anim,
na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom
nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie
wɔ afahyɛ da.
 
Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?
Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
 
Me kra aboto wɔ me mu
enti mɛkae wo
firi Yordan asase so,
Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.
Ebunu kɔ ebunu mu
wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu;
wʼasorɔkye nyinaa
abu afa me so.
 
Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;
adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.
Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.
 
Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ,
“Adɛn enti na wo werɛ afiri me?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo,
mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”
10 Me nnompe te yea sɛ ɔdasani.
Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti,
daa nyinaa wɔbisa me sɛ,
“Wo Onyankopɔn wɔ he?”
 
11 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?
Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.