Dwom 44
Kora mma “maskil” dwom.
Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;
yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;
deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so,
wɔ tete mmerɛ no mu.
Wode wo nsa pamoo amanaman no
na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ;
wodwerɛɛ nnipa no
na womaa yɛn agyanom dii yie.
Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no,
na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie;
ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,
ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.
 
Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn,
deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob.
Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ;
wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ.
Meremfa me ho nto mʼagyan so
mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me;
na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so.
Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase.
Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa
na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.
 
Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase;
wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio.
10 Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim
ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ.
11 Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan
na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
12 Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo,
na woannya mfasoɔ biara amfiri mu.
 
13 Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ,
animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
14 Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu
na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so.
15 Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa,
na aniwuo akata mʼanim
16 ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,
ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti.
 
17 Yeinom nyinaa too yɛn deɛ,
nanso yɛn werɛ mfirii wo,
na yɛmmuu wʼapam no nso so.
18 Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho;
na yɛn nan nso mmane mfirii wo kwan so.
19 Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo
na wode esum kabii kataa yɛn so.
 
20 Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din
anaa sɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ ananafoɔ nyame a
21 anka Onyankopɔn bɛhunu,
ɛfiri sɛ ɔnim akoma mu ahintasɛm.
22 Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;
wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.
 
23 Nyane, Ao Awurade! Adɛn enti na wada?
Keka wo ho! Nnya yɛn hɔ afebɔɔ.
24 Adɛn enti na wode wʼanim ahinta
na wo werɛ firi yɛn ahohia ne nhyɛsoɔ?
 
25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu
na yɛn onipadua aka afam dɔteɛ.
26 Sɔre bɛboa yɛn;
wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn.
Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.