Dwom 43
Ao Onyankopɔn, bu me bem,
na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me;
gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden.
Adɛn enti na woapo me?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo
mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?
Soma wo hann ne wo nokorɛ
ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan;
ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so,
faako a woteɛ hɔ.
Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim
mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn.
Mede sankuo bɛyi wo ayɛ,
Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.
 
Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?
Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.