Dwom 47
Kora mma dwom.
Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;
momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.
Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa,
Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!
Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,
na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.
Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn,
deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.
 
Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu.
Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.
To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom;
to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.
 
Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene.
Monto ahurisie nnwom mma no.
Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so
Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.
Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano
sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ,
ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea;
na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.