Dwom 48
Kora mma dwom.
Awurade yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo
wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so.
Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ,
ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ.
Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea,
Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn.
Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu.
Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban.
 
Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano,
na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no,
wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie,
na wɔde ehu dwaneeɛ.
Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ,
ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a
apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn.
 
Sɛdeɛ yɛate no,
saa ara na yɛahunu
wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu,
yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu;
Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ.
 
Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn,
na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho,
10 Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano
te sɛ wo din;
tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
11 Sion bepɔ di ahurisie,
Yuda nkuraase no ani gye
ɛsiane wʼatemmuo no enti.
 
12 Nante Sion na twa ho hyia,
kan nʼabantenten dodoɔ,
13 dwene nʼafasuo ho yie,
hwɛ nʼabankɛsewa no,
na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa;
mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.