Dwom 50
Asaf dwom.
Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,
na ɔfrɛ asase nyinaa
ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ.
Onyankopɔn hran firi Sion
kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ.
Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;
ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,
ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,
sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn;
Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,
wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”
Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,
na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ.
 
“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa,
mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel;
Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.
Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ
anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho.
Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so
anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me,
10 ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea,
anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara.
11 Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so,
na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea.
12 Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;
ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea.
13 Mewe anantwinini nam,
na menom mpapo mogya anaa?
14 Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn,
na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
15 na momfrɛ me da hiada;
na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”
16 Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ,
“Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm
na mʼapam da mo ano?
17 Mokyiri me nkyerɛkyerɛ
na moto me nsɛm gu mo akyi.
18 Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no;
na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ.
19 Mode mo ano yɛ bɔne
na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.
20 Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara
na mosopa mo ankasa maame ba.
21 Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee,
enti mosusu sɛ mete sɛ mo.
Nanso mɛka mo anim
na mede mo soboɔ asi mo anim.
 
22 “Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn,
anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;
23 Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,
na ɔsiesie ɛkwan
sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.”
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.