Dwom 51
Dawid dwom a ɔtoo no ɛberɛ a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifoɔ Natan kɔɔ ne nkyɛn no.
Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ,
sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ;
wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti,
pepa me mmarato.
Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa
na te me ho firi me bɔne mu!
Na mahunu me mmarato,
na mekae me bɔne daa.
Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara
na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,
enti, wodi bem wɔ wo kasa mu
na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,
na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.
Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu.
Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.
 
Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte;
dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;
na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
Kata wʼani wɔ me bɔne ho
na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
 
10 Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu,
na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
11 Mpamo me mfiri wʼanim
na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
12 Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio
na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.
 
13 Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan,
na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn.
14 Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu.
Onyame a wogye me nkwa,
na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.
15 Ao Awurade, bue mʼano fafa,
na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.
16 Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;
wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.
17 Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ.
Ao Onyankopɔn,
worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
18 Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu;
na to Yerusalem afasuo.
19 Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba,
ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani;
na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.