Dwom 61
Dawid dwom.
Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;
tie me mpaeɛbɔ.
 
Mefiri asase ano frɛ wo,
mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;
fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.
Woayɛ me dwanekɔbea,
aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.
 
Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ
na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;
na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.
 
To ɔhene nkwa nna mu bebree;
na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.
Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa.
Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.
 
Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa
na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.