Dwom 62
Dawid dwom.
Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.
Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;
ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.
 
Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn?
Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa?
Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so.
Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me
afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so;
wɔn ani gye atorɔ die ho.
Wɔde wɔn ano hyira
na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.
 
Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;
ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.
Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;
ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;
monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.
 
Nnipa nyinaa te sɛ home;
akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee;
sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;
wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo.
10 Mommfa mo ho nto nsisie so
na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho;
ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ,
nanso mommfa mo akoma nto so.
 
11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka,
nsɛm mmienu na mateɛ sɛ,
wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden,
12 na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ.
Ampa ara, wobɛtua obiara ka
sɛdeɛ nʼadwuma teɛ.