Dwom 64
Dawid dwom.
Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw;
bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho.
Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho,
ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho.
 
Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena
na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo.
Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm;
wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro.
 
Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho,
wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie;
wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?”
Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ,
“Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!”
Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire.
 
Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn;
na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.
Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn
na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu;
na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so.
 
Adasamma nyinaa bɛsuro;
wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma
na wɔasusu deɛ wayɛ ho.
10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu
na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu;
ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.