Dwom 63
Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ.
Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibereɛ so;
wo ho sukɔm de me kra,
me onipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so,
baabi a nsuo nnie.
 
Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ
mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.
Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti
mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.
Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,
na wo din mu na mɛpagya me nsa.
Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi;
mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.
 
Meda me mpa so a, mekae wo.
Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.
Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ,
wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.
Me kra bata wo ho;
na wo nsa nifa kura me mu.
 
Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;
wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
10 Wɔbɛdane wɔn ama akofena
na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.
 
11 Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu;
wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,
na wɔbɛmua atorofoɔ ano.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.