Dwom 68
Dawid dwom.
Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete;
wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim.
Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no,
saa ara na bɔ wɔn gu;
sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no,
saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim.
Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye
na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;
ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie.
 
To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.
Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so.
Ne din ne Awurade;
ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn
ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ.
Ɔma onnibie tena mmusua mu,
na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho;
na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so.
Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim,
ɛberɛ a wode wɔn faa ɛserɛ so no,
asase wosoeɛ,
na ɔsoro tuee osuo guu fam,
wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no,
Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim.
Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn,
guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm.
10 Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so.
Ao Onyankopɔn, wonam wʼadɔeɛ bebree no mu hwɛɛ ahiafoɔ.
 
11 Awurade kaa asɛm no,
na dodoɔ no ara ne wɔn a wɔpaee mu kaeɛ;
12 “Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so;
na mmaa kyɛ afodeɛ no.
13 Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no,
wɔnya afodeɛ no bi.
Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.”
14 Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no,
na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.
 
15 Basan mmepɔ gyinagyina hɔ,
Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka.
16 Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne
hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene,
baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem
ne ɔpepem mpem mpem;
Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.
18 Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no,
wode nnommumfoɔ kaa wo ho;
wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ,
firii atuatefoɔ hɔ mpo,
sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn.
 
19 Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa,
deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.
20 Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa;
na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu.
 
21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti,
wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no.
22  Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba;
mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,
23 na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu
na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”
 
24 Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no,
me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
25 Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so,
na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho.
26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu;
monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu.
27 Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan,
Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so,
na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
 
28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;
da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no.
29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti
ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.
30 Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim,
ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no.
Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba.
Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
31 Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba,
na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
 
32 Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn,
monto ayɛyi dwom mma Awurade,
33 monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no,
na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no.
34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,
deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no,
na ne tumi wɔ soro soro no.
35 Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ;
Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ.
 
Ayɛyie nka Onyankopɔn!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.”