Dwom 69
Dawid dwom.
Ao Onyankopɔn, gye me nkwa
na nsuo no abɛdeda me kɔn mu.
Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu,
wɔ baabi a me nan nnya siberɛ.
Maduru subunu mu
na nsuo abu afa me so.
Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa.
Me mene mu awe.
Mʼani so ayɛ kusuu,
na merehwehwɛ me Onyankopɔn.
Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso
sene me tiri so nwi;
wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso,
wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.
Wɔhyɛ me sɛ mennane
deɛ menwiaaɛ no mma.
 
Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ;
mʼafɔdie nhintaa wo.
Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no
anim ngu ase ɛsiane me enti,
Ao Awurade, Asafo Awurade;
mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no
anim ngu ase me enti,
Ao Israel Onyankopɔn.
Wo enti wobu me animtiaa,
na aniwuo akata mʼanim.
Mete sɛ ɔhɔhoɔ wɔ me nuanom mu,
mete sɛ ɔmamfrani wɔ me maame mmammarima mu,
na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so,
wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so.
10 Sɛ metwa adwo na medi mmuada a
wɔbɔ me ahohora;
11 sɛ mefira ayitoma a
nnipa de me yɛ aseredeɛ.
12 Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me,
na akɔwensafoɔ de me din to dwom.
 
13 Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade,
wɔ wʼadom berɛ mu;
wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn,
fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so.
14 Yi me firi atɛkyɛ no mu,
mma memmem wɔ mu;
gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam,
ne nsu bunu mu.
15 Mma nsuo nnyiri mfa me
anaa ebunu mmene me
anaa amena nkata me so.
16 Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu;
wʼadom enti, dane bɛhwɛ me.
17 Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ;
gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.
18 Twi bɛn me na gye me;
gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti.
19 Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim;
wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa.
20 Kasatia ahyɛ mʼakoma so
ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ;
mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi,
mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.
21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu,
osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono.
 
22 Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie;
ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn.
23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ,
na ma wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.
24 Hwie wʼabufuhyeɛ gu wɔn so;
na ma wʼabofuo huuhuuhu no mmra wɔn so.
25 Ma wɔn atenaeɛ nyɛ amamfo;
mma obiara ntena wɔn ntomadan mu.
26 Wɔtaa wɔn a wopira wɔn no,
wɔka wɔn a wopira wɔn no amanehunu ho asɛm.
27 Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn;
mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa.
28 Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu,
mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho.
 
29 Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu;
Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban.
 
30 Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ
na mede aseda ahyɛ no animuonyam.
31 Yei bɛsɔ Awurade ani yie asene nantwie,
asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte.
32 Mmɔborɔni bɛhunu na nʼani agye,
mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no akoma bɛnya nkwa.
33  Awurade tie wɔn a adeɛ ahia wɔn,
na ɔmmu ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ animtiaa.
 
34 Ma ɔsoro ne asase nkamfo no,
ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,
35 ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwa
na wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio.
Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea;
36 Nʼasomfoɔ asefoɔ na wɔbɛfa hɔ,
na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.