Dwom 7
Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa Awurade.
Ao, Awurade me Onyankopɔn,
medwane metoa wo;
Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata
na wɔatete me mu asinasini a
obiara rentumi nnye me.
Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei
na sɛ afɔdie aba me so a,
sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie
anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a,
ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me;
ma wɔntiatia me so wɔ fam
na wɔmma me funu nna mfuturo mu.
 
Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!
Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.
Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.
Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia.
Firi soro hɔ di wɔn so;
ma Awurade mmu nnipa no atɛn.
Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ,
sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.
Ao Onyankopɔn teneneeni,
wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,
fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ
na ma ateneneefoɔ nya banbɔ.
 
10 Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn
deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.
11 Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni,
Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.
12 Sɛ wansesa nʼadwene a,
ɔbɛse nʼakofena ano;
ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
13 Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ;
ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.
 
14 Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ
na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
15 Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no
hwe tokuro a watu no mu.
16 Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so;
ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so.
 
17 Mede aseda bɛma Awurade
ne tenenee enti
na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so.