Dwom 8
Dawid dwom.
Ao Awurade, yɛn Awurade,
wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.
 
Wode wʼanimuonyam
atimtim ɔsoro nohoa,
mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano
kamfo wo, wʼatamfoɔ nti;
na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.
 
Sɛ mehwɛ wo soro,
wo nsateaa ano adwuma;
ɔsrane ne nsoromma a
wode obiara asi nʼafa a,
onipa ne hwan a wokae no,
na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ
na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.
 
Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma
wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:
nnwankuo ne nantwikuo nyinaa
ne wiram mmoa nso,
ewiem nnomaa
ne ɛpo mu mpataa,
deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.
 
Ao, Awurade, yɛn Awurade,
wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”.