Dwom 71
Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta;
mma mʼanim ngu ase da.
Wo tenenee no enti, yi me na gye me;
tie me na gye me nkwa.
Yɛ me nkwagyeɛ botan
faako a mɛtumi akɔ daa;
hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa,
na wo ne me botan ne mʼaban.
Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam,
gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.
 
Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade,
mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.
Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so;
wo na woyii me firii me maame yafunu mu.
Mɛkamfo wo daa.
Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree,
nanso wo ne me dwanekɔbea denden.
Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,
mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.
 
Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa;
mʼahoɔden sa me mu a, nnya me.
10 Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me
wɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so.
11 Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu;
momma yɛnti no na yɛnkyere no,
na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.”
12 Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri;
Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.
13 Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu;
wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me no
ma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so.
 
14 Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa;
mɛkɔ so makamfo wo.
15 Mɛka wo tenenee ho asɛm,
ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa,
nanso mennim ano.
16 Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no;
mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ.
17 Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,
na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ.
18 Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,
Ao Onyankopɔn, nnya me,
kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,
ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
 
19 Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro,
wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ.
Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?
20 Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea;
nanso wobɛma me nkwa bio;
na wobɛyi me bio
afiri asase ase.
21 Wobɛhyɛ me animuonyam bebree
na woakyekye me werɛ bio.
 
22 Mede sankuo bɛkamfo wo
Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti
mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so
Ao Israel Kronkronni.
23 Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam
ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ,
me a woagye me no.
24 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwuma
da mu nyinaa,
ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no
kɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu.