Dwom 70
Dawid adesrɛ dwom.
Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;
Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.
Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no
anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa
mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no
nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ,
“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”
 
Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ;
Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.
Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;
Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.