Dwom 78
Asaf dwom.
Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.
Mɛkasa wɔ abɛbuo mu,
mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
nneɛma a yɛate na yɛahunu;
nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
Yɛremfa nkame wɔn mma;
yɛbɛka akyerɛ nkyirimma;
Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,
ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.
Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob
na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,
deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom
sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua
mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,
na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,
na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,
na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.
Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom,
a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,
wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ
na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.
 
Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,
nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;
10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so
wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so.
11 Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ,
anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.
12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim
wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.
13 Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu.
Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.
14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia
na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.
15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so,
na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo;
16 Ɔmaa asutire firii abotan mu
na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene.
 
17 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,
wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.
18 Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;
wɔbisaa aduane a wɔpɛ.
19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,
“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?
20 Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,
na nsuwa bebree tenee hɔ.
Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?
Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?”
21 Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;
ne ogya bɛguu Yakob so,
na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,
22 ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie
anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.
23 Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;
na ɔbuee ɔsorosoro apono.
24 Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni,
ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.
25 Nnipa dii abɔfoɔ aduane;
ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.
26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro,
na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.
27 Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so,
nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.
28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,
ne wɔn ntomadan ho nyinaa.
29 Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so
ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.
30 Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho,
ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,
31 Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so;
ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu
twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.
 
32 Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;
nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni.
33 Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro
yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.
34 Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no,
na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn.
35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,
sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.
36 Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,
na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;
37 wɔn akoma anni no nokorɛ,
na wɔanni nʼapam no so.
38 Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ;
ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn
a wansɛe wɔn.
Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so
na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.
39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,
mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.
 
40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ,
na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so?
41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara;
na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.
42 Wɔn werɛ firii ne tumi no,
ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no,
43 ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no
ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no.
44 Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya;
wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo.
45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn
na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.
46 Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane
na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ.
47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe
na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.
48 Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie
ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa.
49 Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,
abufuo, anibereɛ ne ahohia;
abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no.
50 Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo;
na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn
mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.
51 Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa,
Ham ntomadan mu nnipa mu abakan.
52 Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo;
ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so.
53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;
nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.
54 Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so,
bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.
55 Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no
na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ;
ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.
 
56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ
na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;
na wɔanni ne mmara so.
57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,
ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.
58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo
na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den.
59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ;
na ɔpoo Israel korakora.
60 Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ
ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no.
61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu,
nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam.
62 Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena;
ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.
63 Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn,
na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto;
64 Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,
na wɔn akunafoɔ antumi ansu.
 
65 Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no,
sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.
66 Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi;
ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.
67 Afei ɔpoo Yosef ntomadan no,
na wamfa Efraim abusuakuo no nso;
68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no,
Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.
69 Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,
te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.
70 Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid;
ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu
71 firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ
sɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob,
mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ.
72 Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so
na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.