Dwom 79
Asaf dwom.
Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so;
wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,
wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.
Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane
ama ewiem nnomaa,
na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.
Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo
wɔ Yerusalem ho nyinaa,
na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no.
Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ,
fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
 
Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?
Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?
Hwie wʼabofuo gu amanaman
a wɔnni woɔ no so,
ahennie a
wɔmmɔ wo din no;
ɛfiri sɛ wɔakum Yakob
na wɔasɛe nʼatenaeɛ.
Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;
ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,
na yɛwɔ ahohiahia mu.
 
Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,
wo din no animuonyam nti;
gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn
wo din enti.
10 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ,
“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”
Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ
wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
11 Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim;
fa wo basa ahoɔden no
kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
 
12 Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no,
tua wɔn so ka mprɛnson.
13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no,
bɛyi wo ayɛ daa nyinaa;
ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ
yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so.