Dwom 81
Asaf dwom.
Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden;
mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no!
Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ.
Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.
 
Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no,
ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no;
Yei yɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ,
Yakob Onyankopɔn mmara.
Ɔtintimiiɛ sɛ nhyehyɛeɛ maa Yosef
ɛberɛ a ɔsɔre tiaa Misraim no,
faako a yɛtee kasa a yɛnte aseɛ no.
 
Ɔka sɛ, “Meyii adesoa no firii mo mmatire so,
ne mo nsa firii adwumaden ho.
Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo,
megyee mo so wɔ aprannaa mu;
me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho.
 
“Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi,
Ao Israel, sɛ mobɛtie me a!
Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu;
ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame.
10 Mene Awurade, mo Onyankopɔn a
meyii mo firii Misraim asase so no.
Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.
 
11 “Nanso me nkurɔfoɔ rentie me;
Israel remmrɛ ne ho ase mma me.
12 Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden
sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara.
 
13 “Sɛ me nkurɔfoɔ tie me,
na Israel nante mʼakwan so a,
14 anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm
na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn!
15 Wɔn a wɔtane Awurade no de suro bɛkoto no,
na wɔn asotwe to rentwa da.
16 Nanso, wɔde atokoɔ mu atokoɔ papa bɛma mo adi;
mede ɔbotan mu woɔ bɛma mo amee.”