Dwom 82
Asaf dwom.
Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;
ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.
 
“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban
na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?
Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;
mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.
Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;
monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.
 
“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.
Wɔkyinkyini wɔ esum mu;
na asase fapem nyinaa woso.
 
“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”;
mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;
na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”
Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;
ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.