Dwom 83
Asaf Dwom.
Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm;
mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho.
Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa,
na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so.
Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ
wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no.
Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,
sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.”
Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ;
na wɔpam tia wo,
Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ,
Moabfoɔ ne Hagarfoɔ,
Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ,
Filistifoɔ ne Tirofoɔ.
Asiria mpo akɔka wɔn ho
de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena.
 
Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian
sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,
10 wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor
na wɔdanee nwira no.
11 Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb,
ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,
12 a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa
Onyankopɔn adidibea nsase no.”
 
13 Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo,
sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
14 Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ,
na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no,
15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn
na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.
16 Ma animguaseɛ nka wɔn,
na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade.
 
17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu;
ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu.
18 Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no,
wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ gittit sankuo nne so.